Hymn 132 of 316

Nkwa Nsubura Bi Wɔ Hɔ ’a

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Nkwa nsubura bi wɔ hɔ ’a Nnebɔneyεfo nyinaa tɔ mu; Ne mu na wɔhoro wɔn bɔne nyinaa Nya ahotew wɔ Kristo mu; Wɔn a wɔtɔ mu nyinaa nya nkwa Wɔ’adom nkwa nsubura no mu Retwεn, Yesu Kristo mmae no
2
Nkwa nsubura bi wɔ hɔ a Nnebɔneyεfo nyinaa tɔ mu; Sie wɔn nipa dedaw suban a Wɔde fi wɔn awosu mu; Adam asefo a yεyε owu mma, Nkwa nsu kronkron na yεrenom, Retwεn Yesu Kristo mmae
3
Nkwa nsubura bi wɔ hɔ a Nnebɔneyεfo nyinaa tɔ mu; Onyankopɔn adom a εgye nkwa Wɔ adom nkwa nsubura no mu; Nkwa nsu yi horo bɔne koraa Yεn anidaso wɔ nsubura no mu Retwεn Yesu Kristo mmae
4
Nkwa nsubura bi wɔ hɔ a Nnebɔneyεfo nyinaa tɔ mu; Nnebɔneyεfo a wɔtɔ mu nyinaa Nya’abotɔyam wɔ Kristo mu; εyε Onyankopɔn adom a Abεdom yεn wɔ wiase yi mu Retwεn Yesu Kristo mmae
5
Nkwa nsubura bi wɔ hɔ a Nnebɔneyεfo nyinaa tɔ mu; Ɛno na εpem fi botan a Ɛne Agyenkwa Kristo mu; Ɛyε soro nkwa nsubura pa, Tetfo no nso nyinaa tɔɔ mu Retwεn Yesu Kristo mmae

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 132 (Nkwa Nsubura Bi Wɔ Hɔ ’a) or copy the full lyrics.