Hymn 130 of 316

Momma Yε Nkae Yesu Kristo

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Momma yε nkae Yesu Kristo N’asεndua mu bu wɔ Kalvary; Nnebɔneyεfo bɔne kitaa no Enti owuu ahomtew wu; Momma yε nkae n’afɔrebɔ no Na yεnhyε yεn ho den wɔ mu Na se nna bɔne du a wagye yεn
2
Ne kommyε wɔ dua no so Yε nkonimdi ma gyedifo; N’apirakuru mu mogya no Kasa ma wɔn a wɔn werε ahow; Momma yεnkae n’afɔrebɔ no Na yεnhyε yεn ho den wɔ mu, Na se nna bɔne du a wagye yεn
3
N’animguase wu no yε mfaso Ma wɔn a ne basa ’gye wɔn N’animguase nsɔe hankare kyεw no Yε nkunim abotire ma yεn; Momma yεnkae n’afɔrebɔ Na yεnyε komm nhwε no ntie no Na nna bɔne mu wagye yεn

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 130 (Momma Yε Nkae Yesu Kristo) or copy the full lyrics.