Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 129 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Mogya, Mogya Agyenkwa Mogya
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mogya, mogya Agyenkwa mogya
Ɛsom bo ma me kra,
Mogya, mogya ahote mogya n’
Ama made meho
Mogya, mogya nsiesie mogya n’
Ɛpem fi n’apirakuru mu
2
Mogya, ohwie gui duan’ so no,
Ne nokware afɔrebɔ
Mogya, mogya odima mogya no
Ne soro nokware pon no,
Mogya, a ohwie gui maa wɔn a wɔayera n’
Ɛpem fi n’apirakuru mu
3
Mogya,mogya,mogya kronkron,
Hwiegui maa ’fɔdifo,
Mogya mogya Awurade hwie gui n’
Ɛsom bo ma me kra
Mogya, mogya, mogya, nkutoo
Ɛpem fi n’apirakuru mu
4
Mogya, mogya εtɔɔ yεn no
Mogya, mogya no kutoo;
Ne mogya ogye mogya n’
Mogya, mogya no kutoo,
Mogya ayaresa mogya no,
Ɛpem fi n’apirakuru mu
5
Mogya, mogya adom mogya n’
Yii Nyankopɔn abufu
Mogya, mogya, mogya nkutoo,
Bue soro ahemman pon,
Mogya, mogya anni fɔ no,
Ɛpem fi n’apirakuru mu
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 129 (Mogya, Mogya Agyenkwa Mogya) or copy the full lyrics.