Hymn 128 of 316

Mogya Bi Repem Wɔ Kalvary

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Efi Kristo ne mfe mu; Ɛyε nkwa nsu a εhoro bɔne, Ɛkyerε Kristo wu
2
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Ɛyε Kristo afɔrebɔ; Ne mogya mu wonya nkwgye Ɛyε adom afɔrebɔ
3
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Efi n’apirakuru no mu; Wɔde atirimuɔden peaw no Pira Agyenkwa no
4
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Ɛyε m’asotwe mogya; Nea wɔde twee Kristo maa me Kristo yε me Agyenkwa
5
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Nkwagye wɔ mogya no mu; Wɔn a wɔde bɔne tom nyinaa Wɔde wɔn ho koraa
6
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Ɛyε bɔne ho mogya Nnipa nyinaa asotwe nti Kristo hwie ne mogya
7
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Ɛkasa ma fɔdifo; Kristo wu nti wɔabu me bem Enti made me ho
8
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Yehowa koma atɔ ne yam; Enti nnebɔneyεfo anya Wɔn gyedi mu nhyira
9
Mogya bi repem wɔ Kalvary, Abue adoom pon ne nnε Yesu Kristo mu nkwagye nti Mεhyε nkwa ahenkyεw

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 128 (Mogya Bi Repem Wɔ Kalvary) or copy the full lyrics.