Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 125 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Kristo, Nnebɔneyεfo Gyefo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Kristo, nnebɔneyεfo gyefo
Maba w’aponto ase
Wo ne soro nkwa abodoo,
Nea gyedifo di mee
2
Wo aponto kronkron yi ase
Na nkwa nsu kronkron wɔ
Nea wɔn a wɔabrε de dwodwo
Wɔn koma nya ahotɔ
3
Ɛkɔm de me kra nti maba
Wo aponto yi ase;
Nea woasiesie ama me nyinaa
Bεdan me kra nkwagye
4
W’adom a agye me nkwa nti
Ma me nea me kra hia;
Wo nkwa abodoo mu tumi nti
Me kra kɔndɔ wo daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 125 (Kristo, Nnebɔneyεfo Gyefo) or copy the full lyrics.