Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 124 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Kristo Mogya Ne Gyedifo Botae
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Kristo mogya ne gyedifo botae,
Nemu nantew yε gyedifo anigye;
Yεn abankεse ne mogya no mu tumi,
Kristo mogya ne yεn ahyehyεde.
2
Kristo mogya yε bɔne ho mpata,
Ɔde popa yεn mmarato no nyinaa,
Kristo mogya yi nko n’adom ahyε no ma,
Kristo mogya ne yεn ahyehyεde.
3
Kristo mogya no som gyedifo bo,
Ne mu na sum ntumi nnyina mu koraa,
Kristo mogya hwiegu na wɔde bu yεn bem,
Kristo mogya ne yεn ahyehyεde.
4
Kristo mogya wɔ hɔ ma nkonimdi,
Ɔkasa ma gyedifo wɔ soro,
Adom mogya yi ne afɔre a εteε nnε,
Kristo mogya sɔ Yehowa ani.
5
Kristo mogya ne gyedifo nsubura,
Sε wotɔ mu a wode anigye fi,
Wɔn adesoa fi tɔ ma anigye bu so,
Kristo mogya di bɔne so nkonim.
6
Kristo mogya abue nkwagye kwan no,
Ama nnomumfo nyinaa aba fie,
Anigye wɔ soro yεn kurow Kronkron no mu,
Kristo mogya akyerε yεn soro kwan.
7
Kristo mogya de bɔne fakyε ba,
Ne pira no atu me yaw nyinaa,
Mεkae N’amanehunu ne ne wusɔre no,
Kristo mogya atew yεn ho koraa.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 124 (Kristo Mogya Ne Gyedifo Botae) or copy the full lyrics.