Hymn 126 of 316

Mεkɔ Kalvary Bepɔw No So

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mεkɔ Kalvary bepɔw no so Ɛhɔ na mehu Agyenkwa Kristo Sε wapira no wɔ dua no so Ama nnebɔneyεfo nkwagye Sε mihu n’apirakuru a Me bɔne adeso befi atɔ
2
Mεkɔ Kalvary bepɔw no so; Akɔhwε Kristo dimafo no, Sε ɔsεm hɔ rehu amane; Ama nnebɔneyεfo nkwagye Sε mihu n’apirakuru a Onyankopɔn bεma me nkwagye
3
Mεkɔ Kalvary bepɔw no so Akɔhwε Kristo a ɔrebrε Ama wɔn a wɔayera no, Na wɔabehu trenee nkwagye kwan; Sε mihu n’apirakuru a Ɛde me bεyε ne de koraa
4
Mεkɔ Kalvary bepɔw no so Ɛhɔ na medi no ho adanse Sεnea wokum no no yε Agyenkwa; Ne mogya hwiegu ne yεn nkwagye; Kristo, me dɔfo ne m’awurade, Fa nea mayε nyinaa kyε me
5
Mεkɔ Kalvary bepɔw no so Akɔhwε nea wapira no no; Nyame oguammaa kronkron no Na w’abeyi wiase bɔne kɔ; Ɛde n’afɔrebɔ kronkron no Ama Onyankopɔn abotɔyam
6
Mεkɔ Kalvary bepɔw no so Akɔhwε Kristo sε orewu; Mεhwε ne nan ne ne nsam nnadewa Na m’atu atare asεndua no; Yesu Kristo, me kra dɔfo, Boa me na menkae w’amanehunu

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 126 (Mεkɔ Kalvary Bepɔw No So) or copy the full lyrics.