Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 121 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Hena Na Wagye Yεn Mu Asεnka Adi?
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Hena na wagye yεn mu asεnka adi?
Hena so na Yehowa basa ada adi?
Kristo fifii sε duforo
Sε ’asase kesee mu ntini,
Onni suban a εma
Ne ho yε yεn fε
2
Wobuu Kristo animtia,
Mmarima pa no,
Kristo huu ayayade,
Na onnim yare,
Na ne ho yε sε εma
Nnipa de wɔn ani hintaw;
Wobuu Kristo animtia,
Na wammu no hwee
3
Ampa yεn nyarewa no
Ɛno na w’afa,
Na yεn ayayade nso
Ɛno na w’asoa;
Na yεn de yεbuu no sε
Nea Yehowa ahwe no,
Nea Onyankopɔn de no
Ahyε amane mu
4
Yεwowɔ ntwεtwεdε sε
Nnguan a wɔayera,
Yεn amumuyε no hwee
Yesu Kristo so,
Nanso wɔyi Kristo fii
Ahoguan ne atεmmu mu;
N’abusua mu hena na
Obetumi aka?
5
Wɔhyεε Kristo ahoguan
Na wammue nano;
Ɛtɔ mumu wɔ ne ho
Twitwafo anim;
N’afɔre a ɔbɔe nti
Ama ne nna aware;
Yehowa afa ne nsa
So ayε yiye
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 121 (Hena Na Wagye Yεn Mu Asεnka Adi?) or copy the full lyrics.