Hymn 122 of 316

Kristo, Fa Wapirakuru No

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Kyerε nnebɔneyεfo a nyinaa; Fa ne mu tumi no twe wɔn Na womehu wo nkwagye no, Ansana nna bɔne no aba
2
Oguanhwεfo, ma won nne so Frε wo nguankuo a wɔayera no Gyata no bobom wɔ sare so Enti teεm na wɔnte wo nne, Ansa na nna bɔne no aba
3
Kyerε wo nguankuw nkwa nsubura no Nea εpem fi fi wo mfe mu no Fa nkwa nsu dwodwo wɔn koma Na woante piti wɔ sare so Ansa na nna bɔne no aba
4
Agyenkwa teεm wɔ dua no so Na Onyankopɔn nte won nne Di ma nnebɔneyεfo nyinaa, Efisε wo ne dimafo; Ansa na nna bɔne no aba
5
Nnebɔneyεfo kwankyerεfo Kristo ɔgyefo, kyerε wɔn kwan, Yi wɔn fi sum kabii no mu Na wɔn mmehu hann fεfε no, Ansana nna bɔne no aba
6
Fa mogya a εsom bo no Popa nnebɔneyεfo mmarato, Fa pata Onyankopɔn nnε; Na ɔmfa wɔn bɔne nkyε wɔn, Ansana nna bɔne no aba
7
Kristo few nnebɔneyεfo ano, Na wonhu sεnea wosi dɔ wɔn, Fa w’animtew hyerε Hyia wɔn kwan Na wɔmfa anigye mmra fie Ansana nna bɔne no aba

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 122 (Kristo, Fa Wapirakuru No) or copy the full lyrics.