Hymn 120 of 316

Getsemane Turo Mu Hɔ

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Getsemane turo mu hɔ, Na wɔkyeree Kristo; Nea wɔde yεε no nyinaa, Wammue nano
2
Ne mmaa ataapee gye no, Yε masotwe; Nanso wɔde yεε Kristo, Maa me nkwagye
3
Asεndua no duru no nti Kristo yεε mmrεw, N’asehwe nyinaa mu mpo, Ɔyε komm
4
Ɔde nne kεse teεm sε Eli, Eli, Me Nyame, me Nyame Dεn nti na w’agyaw me?
5
Wɔ Kalvary bεpew so Na Kristo wui, Hɔ na ɔbɔɔ weredɔm Afɔre gyee me
6
Ma wani so hwε Kristo Wɔ dua no so, Wo bɔne adesoa nti Na ɔsεn hɔ no
7
Anka meyε fɔdifo Wɔ Yehowa anim, Nanso Kristo adom nti Manya nhyira pii.

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 120 (Getsemane Turo Mu Hɔ) or copy the full lyrics.