Hymn 119 of 316

Getsemane Turo Mu Hͻ

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Ͻdͻ bεn ni, anwanwa dͻ, Sε ͻdͻ me mmroso sεε yi Oo anka me nso mεdͻ no
1
Getsemane turo mu hͻ, Awerehow tͻͻ Yesu so, Hͻ na ͻkyerεε ne dͻ no, Sε ͻdͻ me debͻnyεni
2
Owu adesoa tͻͻ meso Yesu bae ma mademe ho Oyii me frii owusεe mu De kyerεε ne dͻ a ͻdͻ me
3
Mebͻͻ mmusu yeraa me kra Na Yesu bae bεhwehwεε me Ͻtͻͻ mumu nwitwitwafoͻ anim De gyee me san baa nkwa mu bio

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 119 (Getsemane Turo Mu Hͻ) or copy the full lyrics.