Hymn 118: Getsemane Mmaa ’taapee Gye
Hymn 118 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Getsemane mmaa ’taapee gye Yε Kristo ’afɔrebɔ mfiase, Nnebɔneyεfo bɔne asotwe Daa Yesu Kristo nkutoo so
Verse 2
N’adom a ɔde gye nkwa no Yii ne ho adi wɔ turo mu hɔ, Ɔmaa kwan ma wopiraa no, Maa nnebɔneyεfo asotwe
Verse 3
Nnebɔneyεfo nsoε hankare kyεw Mfata ɔtreneeni Kristo, Oyii ne nkwagye no kyeree Bere a wobu no okumfɔ
Verse 4
Kommyε na ɔde tuu kwan no, Kɔɔ kalvary bepɔw no so Ɔyεε komm daa asεndua no so Sε oguammaa a wɔrekokum no
Verse 5
Sε mehwε Kristo anim a Mekae me bɔne adesoa, Sε mehwε ne mfem apirakuro a Mehu n’adom a egye nkwa