Hymn 63 of 316

Momma Yεn Kanfo Yehowa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Momma yεn kanfo Yehowa Na nadɔeε wɔhɔ daa Efisε ne werε remfi Wɔn a wɔbɔ ne din daa daa Momma yεnkoto nsɔre no Na ɔno ne Onyankopɔn Ɔde ne teneneeyε bεma Yε ’ahu n’adɔeε kεse no
2
Onyankopɔn adom no nti Yεn ani begye daa Efisε n’ani ku yεn ho Ne din a yεbɔ daa no nti Ɔkasa ma asase nan De yi ne tumi no adi Ɔde ne teneneeyε bεma Yεahu n’adɔeε kεse no
3
Yehowa aka ne ho ntam Na εbεba mu saa Obeyi ne tumi adi Wiase tumfo behu asuro Ɔbεma ne nsa so akyerε Wɔn a wɔagye ne din no adi Ɔde ne teneneeyε bεma Yεahu n’adɔeε kεse no
4
Orennsiw ne mmɔborɔhunu so Ne teneneeyε no nti Wahyε yεn kra nkwagye ho hɔ Wɔ Yesu Kristo din no mu Enti sε asase woso Na mmepow dan butu mpo a Ɔde ne teneneeyε bεma Yεahu n’adɔeε kεse no

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 63 (Momma Yεn Kanfo Yehowa) or copy the full lyrics.