Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 62 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Monto Yehowa Dwom Foforo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Monto Yehowa dwom foforo
Asase nyinaa nto dwom mma no
Mo nka n’anuonyam ne n’anwonwade
Wɔ wiase aman nyinaa mu
Na Yehowa yε Ɔhene kεse
Momma yεnto ayεyi dwom mma no
2
Mmepɔw nan sε hweawa Yehowa anim,
Ɔsoro keka ne tenenee kyerε
Aman mmusuaku momma Yehowa
Anuonyam kεse ne tumi,
Na Yehowa yε Ɔhene kεse
Momma yεnto ayεyi nwom mma no
3
Yehowa ’dansesεm yε nokware
Kronkronyε na εfata wo fi
Onyankopɔn ma wo ho so
Na wiase tumfo nhu w’anuonyam
Wo na wode soro tumi
Dii po mpata bribriyε so no.
4
Ɛnyε yεn, Yehowa εnyε yεn
Wo din na fa anuonyam ma no
Awurade Nyame pue na hyerεn
Na W’anuonyamhyε berε no adu
Kronkron, kronkron ne Awurade
Momma yεnto ayεyi nwom mma no.
5
Momma wonhyira Yehowa din daa
Momma no so wɔ aman nyinaa mu,
Ɛfi owiapuei kɔpem n’atɔe
Yehowa din sε ayεyi,
Koransa, Kronkron Nyame koro
Mommma yεnto ayεyi nwom mma no.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 62 (Monto Yehowa Dwom Foforo) or copy the full lyrics.