Hymn 316 of 316

Onyankopɔn W’ahenni No Mu Tena

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Onyankopɔn w’ahenni no mu tena Na gyedifo retwεn sε yεn nsa bεka; Nti ma Honhom Kronkron mmoa yεn mmrewyε Na yεmfa gyedi ntwεn wo nkosi da no Da no na torobεnto nne bεgyigye Na gyedifo de anigye behyia wo; Yεn werε befi dadwen ne ɔhaw nyinaa Na y’ato nwom Kronkron sε, Alleluia
2
Yεde ntade fitaa behyia Kristo Na Kristo bεhu ne wu no so mfaso; Wɔn a w’adeda nyinaa bεsɔre aba De wɔn nkonimdi kronkron ama no; Wiase mu atumfo ho bεpopo Sε wɔte ahotewfo nnwom kronkon a Wεn a w’adi owu so nkonimdi no bεsɔre Na y’ato nnwom kronkron sε, Alleluia
3
Yebehyia ɔgyefo no wɔ mpoano Na y’ato mogya no ho nkonimdi nnwom Kurow kronkron no ho nnwom na yεbεto Ama ɔgyefo a w’adi nkonim no; Abɔde nyinaa bεte totorobεntoo nne; Ahotewfo de anigye bεgye so; Yesu Kristo bεto nsa afrε ne de, Na y’ato nnwom kronkron sε, Alleluia
4
Yεbεto yεn nkonimdi ho nnwom kronkron Yεbεbɔ ose wɔ kurow kronkron no mu; Yεbεma yεn nsa kronkron so ato nnwom; Yεbehuro ama nea ɔte ase daa no; Yεbεhyerεn sε anɔpa nsoroma Yεbεyε sε Yesu Kristo ankasa; Yεbεhome afi yεn berε nnwuma mu Na y’ato nnwom kronkron sε, Alleluia

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 316 (Onyankopɔn W’ahenni No Mu Tena) or copy the full lyrics.