Hymn 311: M’ate Yesu Kristo Frε Nti
Hymn 311 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
M’ate Yesu Kristo frε nti Wiase yi nyε me anigye M’ate Yesu Kristo frε nti M’abu nneεma nyinaa hwerede; M’anidaso ne ne nkutoo, Ɔfrε me, merensan m’akyi
Verse 2
Ne frε kronkron no regyegye; Me kra di no mu ahurisi; Mete soro anigye nnwom, Sε egyigye me koma mu; Me nim nea m’agye no adi; Ɔfrε me, merensan m’akyi
Verse 3
M’ate Yesu Kristo frε nti W’awo me foforo wɔ ne mu; Ɔno ne nokware, kwan ne nkwa; Gyedifo nnepa wɔ ne mu; Me kwati no a mayera; Mεnantew ne kwan tenenee mu
Verse 4
M’ate Yesu Kristo frε nti N’asεm na me kra kɔn dɔ daa; Ɔno ne me kra nkwa nsu nti; Etumi dwudwo me koma; W’afrε me yi, medi n’akyi, Ne nkyεn hɔ bεyε me tenabea