Hymn 283 of 316

Ma Onyankopɔn Nsɔre N’atamfo So

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Ma Onyankopɔn nsɔre n’atamfo so Na ma wɔn a wokyi no nguan n’anim Fa w’anom mframa no bɔ W’atamfo no hwete, Na yebehyira wo
2
Ma treneefo anigye wɔ wo mmoa ho, Bεhwε wɔn hia na wɔbehyiara wo; Wo nsam na nnepa wɔ, enti behu yεn mmɔbɔ Na yebehyira wo
3
Wo na wofi dii wo man anim no Soro ne asase wosoe wɔ wɔn anim Israεl Nyankopɔn ma wo nkorɔfo nhu wog ye Na yebehyira wo
4
Bεto adom nsu gu wagyade so, Onyankopɔn ma ensi yεn yiye; Kasa ma wo nkorɔfo, bεhwε amanehunufo Na yebehyira wo
5
Ma wo tumi basa no nna adi nnε, Ma ɔtamfo dɔm no nguan wɔ w’anim, Otumfo sɔre bra, begye wɔn a wɔfrε wo, Na yebehyira wo
6
Wo ne ahohia mu baofo pa koro no Wo nsam na tumi a egye nkwa wɔ, Wo na yεbɔ wo mpae, pae aprana gu wɔn so, Na yebehyira wo
7
Onyankopɔn na yεkoto sɔre no, W’ahyεde nso di tumi ma wo, Nhyira ne Awurade, wosoa yεn adesoa nti Momma yεnhyira no

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 283 (Ma Onyankopɔn Nsɔre N’atamfo So) or copy the full lyrics.