Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 282 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Awurade Nyankopɔn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Ma wo nsa so, ma wo nsa so
Asafo Yehowa;
Ma wo bɔhyε Kronkron gya no
Mmεhyew ne nnwuma nyinaa
1
Awurade Nyankopɔn
Ɔsεefo no aba
Wo bobe turo mu
Resεe wo nsa ano nnwuma
2
Awurade Nyankopɔn
Bεtɔ anɔpa nsu
Gu wo bobe turo mu
Na ne nyinaa nyε frɔmfrɔm
3
Awurade Nyankopɔn
Yεn ani da wo so;
Yehia wo, Awurade, Kristo
Bεbɔ w’asafo hyew
4
Awurade Nyankopɔn
Wo mmere no awie du;
Enti ma nsεnkyerεne
Nna adi w’asafo mu
5
Awurade Nyankopɔn
Gyedifo Nyankopɔn,
Yεretwεn w’asεm no,
Ma ɔhyewbɔ no mmra
6
Awurade Nyankopɔn
Soma nsεmpakafo
Kɔ wiase sum yi mu
Nkɔbɔ nkwagye dawuru
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 282 (Awurade Nyankopɔn) or copy the full lyrics.