Hymn 275 of 316

Yehowa Nim M’akwan Nyinaa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yehowa nim m’akwan nyinaa Ohu m’adwene mu akyirikyiri, Onim me koma mu nsεm nyinaa Nanso Kristo nti ɔkae me
2
Papa a mepe no mennyε Bɔne a memmpε na meyε; Mepε sε meyε w’apεde Enti ma wo basa nnye me
3
M’akwan nnyε Yehowa anim Nea okyi nkutoo na meyε, Nanso Kristo nti ɔkae sε Bɔne mu na me na woo me
4
Kristo mogya hwiegu nti Manya Yehowa anim kwan, Mogya no kasa ma me nti Yehowa dom adɔɔ me so

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 275 (Yehowa Nim M’akwan Nyinaa) or copy the full lyrics.