Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 258 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
Momma Torobεnto Nne Nnyigye
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Ayeforo kunu no ɔreba,
Momma yεn kohyia no kwan,
Momma yεmfa nea yεwɔ nyinaa
Nkohyia no kwa na ’ɔreba
1
Momma torobεnto nne nnyigye,
Na ’ayeforo kunu no reba;
Momfa asebɔ nkohyia no kwan,
Na ’ayeforo kunu no reba
2
Momma yεmfa koma kronkron
Nkohyia no kwan na ɔbreba,
Momma yεmfa nnwonto kronkron
Nkohyia no kwan na ɔreba
3
Ayeforo kunu no ɔreba,
Da no bεyε anigye da;
Da no bεyε nkonimdi da,
Ayeforo kunu no ɔreba
4
Gyedifo momma yεnhuro
Ayeforo kunu no ɔreba;
Gyedifo momma mot i so,
Na ayeforo kunu no ɔreba
5
Ayeforo kunu no ɔreba
Ɔreba ntεm, ɔreba ntεm,
Ɔno ne Kristo ankasa,
Ayeforo kunu no ɔreba
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 258 (Momma Torobεnto Nne Nnyigye) or copy the full lyrics.