Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 205 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yesu Ne Me Botantim
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yesu ne me botantim,
Ɔno na wagye me nkwa;
Wakyerε me kwan tenenee,
Me nam so yi merenyera;
Mεsom no daa nyinaa,
Na manya nkwa a enni awiei,
Yesu ne me botantim,
Ɔno na wagye me nkwa
2
Yesu ne me botantim,
Me tweri no nti merennhim;
Ɔwowaw me daa nyinaa,
Enti mennsuro bɔne bi
Mεsom no daa nyinaa,
Na manya nkwa a enni ewiei
Yesu ne me botantim
M’ahu ne nkwagye basa
3
Yesu ne me botantim,
Tumi biara renntia me;
N’ani wɔ me so daa nnti,
Sum mu ɔhyerεn ma me;
Mεsom no daa nyinaa,
Na m’anya nkwa a enni ewiei;
Me werε remfi no da;
Ɔbεma me nkwa a enni ewiei
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 205 (Yesu Ne Me Botantim) or copy the full lyrics.