Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 157 of 316🏷️ Honhom Kronkron ne Pentekoste(Holy Spirit & Pentecost)
Kristo Asafo Nyinaa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Wɔn a wogyee wo dii nyinaa
Dii wɔn atamfo so;
Kristofo asafo nyinaa
Retwεn wo bɔhyε so;
Da no na wɔde osebɔ
Bεto wo ayεyi dwom
1
Kristo asafo nyinaa
Retwεn w’ahoyi gye da no;
Wɔn anidaso ne wo a
Wo tenabea nni asase so;
2
W’asafo Kronkron hwε wo kwan
Tweduampɔn Nyankopɔn;
Wo na wo dii tetefo no kan
Wɔ sare pradadaa no so;
Mma atamfo nhuru wo din ho,
Ma wo ho so hyε no;
Wone yεn nkonimdi basa
Wɔ yεn atamfo so;
Ma Kristo nyinaa
Mfa anigye nyi wo ayε
3
Ma wɔn a wotia yεn nyinaa
Nhu wo nkwagye basa no;
Ma so na kasa ma wo nkoa
Na wεn haw nyinaa to betwa;
Oh, tete beme Nyankopɔn
Wiase yi agyigya;
Wo na aweredi wɔ wo
Ma abɔde nyinaa nyε komm;
Na yεmfa osebɔ nto dwom
Nyi wo din ayε daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 157 (Kristo Asafo Nyinaa) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (12) →