Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 156 of 316🏷️ Honhom Kronkron ne Pentekoste(Holy Spirit & Pentecost)
Onyankopɔn Honhom Kronkron
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn Honhom Kronkron
Bra bεtena me mu daa,
Honam mu na mena woo me,
Enti bra bεwo me foforo;
Ma gyedifo nte wo din dom nka,
Na yebeyi wo ayε daa
2
Onyankopɔn Honhom Kronkron
Bεsakra bɔne nipadua;
Bεsɔ koma bɔne mu gya,
Na yεnte awo foforo nka;
Ma Honhom Kronkron nwo me bio
Na yebeyi wo ayε daa
3
Onyankopɔn Honhom Kronkron
Bra bεtena me mu daa;
Bɔne mu na woyinsεn me,
Enti me nipadua yε bɔne;
Honhom Kronkron bεtena me mu,
Na yebeyi wo ayε daa
4
Onyankopɔn Honhom Kronkron
Bra bεtena me mu daa;
Bɔne mu na me na woo me,
Honhom Kronkron bεwo me bio
Na bɔne nipadua nhyerεn,
Na yebeyi wo ayε daa
5
Onyankopɔn Honhom Kronkron
Bεhyerεn ma gyedifo nyinaa;
Wone kwankyerεfo pa nti
Bεkyerε yεn ’soro kwan pa no;
Bεtena gyedifo nyinaa mu
Na yebeyi wo ayε daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 156 (Onyankopɔn Honhom Kronkron) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (12) →