Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 60 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Yehowa, Yema Wo Din So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa, yema wo din so
Sε w’abεhwε wo nkoa mmarato
W’abu yεn bem wo tenenee nti
Yεn atamfo ani annye
W’ada wo dɔ adi akyerε yεn
Yehowa, yεma wo din so
2
Yehowa, yema wo din so
W’adi yεn asεm ama yεn
W’agye yεn kra afi ’sεe mu
Kristo afɔrebɔ no nti
Yεn mu ade nyina hyira wo
Yehowa,yema wo din so
3
Yehowa, yema wo din so
Efisε wo ne yεn boafo
Wa ma nketenkete kita
Yεn atamfo wɔ nsraban so
Wo werε mmfi yεn,yεn mmarato mu
Yehowa,yema wo din so
4
Yehowa, yema wo din so
Efisε wo werε mmfi yεn
Wɔwoo yεn nyinaa bɔne mu
Yεdannan fofaa yεn ’kwan so
Yεn mmarato nti wopiraa Kristo
Yehowa, yema wo din so
5
Yehowa, yema wo din so
Wo ne yεn adi no yiye
Abɔnefo wu yε wo tan
Enti woagye yεn afi mu
O, abɔnefo Nyankopɔn
Yehowa, yεma wo din so
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 60 (Yehowa, Yema Wo Din So) or copy the full lyrics.