Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 45 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Yehowa Anuonyam Ho Nnwom
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa anuonyam ho nnwom
Na me kra bεto daa
Nea 'hotewfo to wɔ soro
Na me kra bεto daa
Me mu ade nyinaa bεto nnwom
Ayi no 'ayε daa
2
Mεma me nne so ato dwom
Ama Onyankopɔn
Mεma me nsa so ato dwom
Ama Onyankopɔn
Anadwo dasum mεto dwom
Ama Onyankopɔn
3
Momma yεnto ne dɔ nnwom
Wɔ ne kronkronbea daa
Momma yεnto ne nkwagye nnwom
Wɔ na'safo mu daa
Momma yεnto ne tenenee nnwom
Wɔ kwan tenenee no so
4
Momma yεnto ne frε ho nnwom
Nkyerε nnebɔneyεfo
Momma yεnto ne kwankyerε nnwom
Nkyerε nnomumfo nyinaa
Momma yεnto ne dom ho nnwom
Nkyerε wɔn a wɔn a wɔayera
5
Ma nnwomtofo nyinaa nto nnwom
Mma Onyankopɔn daa
Ma Kristofo nyinaa nto nnwom
Mma Onyankopɔn daa
Soro ne asase nto nnwom
Mma Onyankopɔn daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 45 (Yehowa Anuonyam Ho Nnwom) or copy the full lyrics.