Hymn 280 of 316

Yehowa Sɔre W’abufu Mu

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yehowa sɔre w’abufu mu, Ma w oho so hyε ahohiafo; Wo na aweredi no wɔ wo; Yehowa bebu aman ntεn; Yehowa san bra bεgye yεn kra, Na yε bεkae w’adɔeε no
2
Momma yεmmɔ trenee afɔre, Momma yεn ntwere Yehowa, Asomdwoe wɔ ne ntaban ase, Ma Kristo asafo nyinaa; Ɔbεma n’anim ahyerεn yεn so, Na y’ahu ne papayε no
3
Atamfo nyinaa awiei bεsa, Wɔn kurow bεdan amanfo; Na Yehowa de ɔte hɔ daa, Ɔyε ɔsorosoro Nyankopɔn; Yehowa yi wo dɔ adi kyerε yεn, Yεnim sε wo ne yεn wɔ hɔ
4
Momma nkonimdi frankaa no so, Na Yesu Kristo di yεn kan; Munnsuro ɔtamfo no koraa, Na Yesu Kristo ka yεn ho Mogya adansefo nyinaa nka sε, Tumi wɔ Kristo mogya mu

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 280 (Yehowa Sɔre W’abufu Mu) or copy the full lyrics.