Hymn 139 of 316

Sε Mennim Kristo Dɔ Mpo’a

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Sε mennim Kristo dɔ mpo’a N’asεndua no kyerε me; Sε mehwε no wɔ dua no so a, Ne mmerewyε no hyε me den
2
Kristo wu ho akwantu no Me na anka εsε me, Nanso ɔde me hintaw ne mu, De tu kwan gye animguase
3
Kristo brε ne n’amanhunu, Yε me honam mu bɔne; Nea εsε me sε wu wɔ mu, Nanso Kristo agyem ’afi mu
4
Agyenkwa a manya no yi Yε Yehowa akyεde, Owu a εsε me wu yi, Na Kristo awu akyε me εdɔfo a ɔte me yaw, Ne Kristo Agyenkwa no; Me ne no renni ntetewmu da, Efisε ɔyε me dɔfo
5
Mede me koma mekyε wo, Awurade, gye me pε; Mεdɔ wo, Agyenkwa mεdɔ wo, Mete nka sε wo nso wodɔ me
6
Erennkyε me ne wo bεtena, Ahwε w’anim a εhyerεn no, εdɔfo pa a wodɔ me daa, Wo ho sukum de me kra

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 139 (Sε Mennim Kristo Dɔ Mpo’a) or copy the full lyrics.