Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 98 of 316🏷️ Aware Nhyira ne Mmofra(Wedding & Children)
Awurade, Hyira Aware Yi So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Awurade, hyira aware yi so,
Ka wɔn bom wɔ wo din mu;
Ma wɔn bɔhyε nni ’adanse
Sε nkabom yi ’asɔ w’ani
2
Awurade boa wɔn mmrεwyε
Na wɔntena hɔ nkosi sε
Owu bεtetew wɔn ntam
Na wɔn bɔhyε no anyε kwa
3
Ɔkɔm, ohia ne yare
Betu wɔn bo wɔ ha de,
Sε wotwere wo nkutoo a,
Ɛbεyε wɔn anigyede
4
Wɔn bra mu akodi nyinaa
Da w’anim Awurade,
Gyedifo Awurade, kasa
Na ma wɔn awerεkyekye
5
Gyedifo Nyankopɔn
Wo ne awarefo boafo,
Ma wo nhyira mmra wɔn so,
Hyira wɔn aware kronkron yi so,
6
Yεda wo ase Awurade
Wo nokware kwankyerε yi
Na woahyε ho bɔ w’anim,
Enti ma ensi wɔn yiye
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 98 (Awurade, Hyira Aware Yi So) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (13) →